4 Mose 6:15
Numbers 6:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne burodo a mmɔreka mfra mu, asikyiresiam taterɛ a wɔde ngo afra; burodo ntrawa bi a mmɔreka mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.
Numbers 6:15 in English
Numbers 6:15 · Berean Standard Bible
together with their grain offerings and drink offerings—and a basket of unleavened cakes made from fine flour mixed with oil and unleavened wafers coated with oil.
Context
13“Ɛda a ne bɔhyɛ a ɛte ɔno ne Awurade ntam no wie duru no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano 14kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ. 15Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne burodo a mmɔreka mfra mu, asikyiresiam taterɛ a wɔde ngo afra; burodo ntrawa bi a mmɔreka mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. 16“Ɔsɔfoɔ no de saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa bɛba Awurade anim. Deɛ ɔde bɛdi ɛkan aba no yɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ, 17afei, odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a burodo kɛntɛnma a mmɔreka nni mu nso ka ho. Na deɛ ɛtwa toɔ a ɔde bɛba no ne aduane ne nsã afɔdeɛ a ɔde bɛma Awurade.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.