4 Mose 6:16
Numbers 6:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɔsɔfoɔ no de saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa bɛba Awurade anim. Deɛ ɔde bɛdi ɛkan aba no yɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ,
Numbers 6:16 in English
Numbers 6:16 · Berean Standard Bible
The priest is to present all these before the LORD and make the sin offering and the burnt offering.
Context
14kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ. 15Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne burodo a mmɔreka mfra mu, asikyiresiam taterɛ a wɔde ngo afra; burodo ntrawa bi a mmɔreka mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. 16“Ɔsɔfoɔ no de saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa bɛba Awurade anim. Deɛ ɔde bɛdi ɛkan aba no yɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ, 17afei, odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a burodo kɛntɛnma a mmɔreka nni mu nso ka ho. Na deɛ ɛtwa toɔ a ɔde bɛba no ne aduane ne nsã afɔdeɛ a ɔde bɛma Awurade. 18“Afei, ɔhotuafo no bɛyi ne tirinwi a afu kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnnedeɛ a ɛkyerɛ sɛ, ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ yei wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔrebɔ no wɔ ogya mu no ahye no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.