4 Mose 3:30
Numbers 3:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Kohatfoɔ ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.
Numbers 3:30 in English
Numbers 3:30 · Berean Standard Bible
and the leader of the families of the Kohathites was Elizaphan * son of Uzziel.
Context
28Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ne ahansia (8,600).
Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea mu hɔ so. 29Wɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam. 30Na Kohatfoɔ ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan. 31Saa mmusua ɛnan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɛpono, kaneadua, afɔrebukyia hodoɔ, ne deɛ ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamutam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ wɔ hɔ nyinaa no so. 32Aaron babarima ɔsɔfoɔ Eleasa no na na ɔyɛ ɔpanin wɔ Lewifoɔ no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panin wɔ asɔfoɔ a wɔhwɛ kronkronbea no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.