Native Bible

Numbers 26:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson (52,700).

Numbers 26:34 in English

Numbers 26:34 · Berean Standard Bible

These were the clans of Manasseh, and their registration numbered 52,700.

Context

32Semidafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida. Heferfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer. 33Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 34Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson (52,700). 35Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase: Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela. Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker. Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan. 36Na yei yɛ abusua nketewa a wɔfiri Sutela ase: Eranfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.