Native Bible

Numbers 26:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

Numbers 26:33 in English

Numbers 26:33 · Berean Standard Bible

Now Zelophehad son of Hepher had no sons but only daughters. The names of his daughters were Mahlah, Noah, Hoglah, Milcah, and Tirzah.

Context

31Asrielfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel. Sekemfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem. 32Semidafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida. Heferfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer. 33Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 34Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson (52,700). 35Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase: Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela. Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker. Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.