4 Mose 26:35
Numbers 26:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase: Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela. Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker. Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.
Numbers 26:35 in English
Numbers 26:35 · Berean Standard Bible
These were the descendants of Ephraim by their clans: The Shuthelahite clan from Shuthelah, the Becherite clan from Becher, and the Tahanite clan from Tahan.
Context
33Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 34Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson (52,700). 35Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase:
Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela.
Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker.
Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan. 36Na yei yɛ abusua nketewa a wɔfiri Sutela ase:
Eranfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran. 37Mmarima a na wɔwɔ Efraim mmusua nketewa no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,500).
Manase ne Efraim mmusua nyinaa yɛ Yosef asefoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.