Native Bible

Numbers 26:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ne ahanum.

Numbers 26:27 in English

Numbers 26:27 · Berean Standard Bible

These were the clans of Zebulun, and their registration numbered 60,500.

Context

25Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia nan ne ahasa (64,300). 26Yeinom ne mmusua a wɔfiri Sebulon mmammarima ase: Seredfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered. Elonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon. Yakleefoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel. 27Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ne ahanum. 28Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua mmienu firii Yosef mu baeɛ. 29Manase asefoɔ: Makirfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir. Gileadfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.