4 Mose 26:28
Numbers 26:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua mmienu firii Yosef mu baeɛ.
Numbers 26:28 in English
Numbers 26:28 · Berean Standard Bible
The descendants of Joseph included the clans of Manasseh and Ephraim.
Context
26Yeinom ne mmusua a wɔfiri Sebulon mmammarima ase:
Seredfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered.
Elonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon.
Yakleefoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel. 27Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ne ahanum. 28Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua mmienu firii Yosef mu baeɛ. 29Manase asefoɔ:
Makirfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir.
Gileadfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead. 30Yeinom ne mmusua nketewa a wɔfiri Gileadfoɔ ase:
Yeserfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser.
Helekfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Helek.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.