4 Mose 26:16
Numbers 26:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Osnifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni. Erifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;
Numbers 26:16 in English
Numbers 26:16 · Berean Standard Bible
the Oznite clan from Ozni, the Erite clan from Eri,
Context
14Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu. 15Yeinom ne mmusua a wɔfiri Gad mmammarima mu:
Sefonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon;
Hagifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi.
Sunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni. 16Osnifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni.
Erifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri; 17Arodfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Arod.
Arelifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli. 18Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500).
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.