4 Mose 26:14
Numbers 26:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu.
Numbers 26:14 in English
Numbers 26:14 · Berean Standard Bible
These were the clans of Simeon, and there were 22,200 men.
Context
12Yeinom ne mmusua a wɔfiri Simeon mmammarima mu:
Nemuelfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel.
Yaminfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin.
Yakinfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin. 13Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah;
Saulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo. 14Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu. 15Yeinom ne mmusua a wɔfiri Gad mmammarima mu:
Sefonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon;
Hagifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi.
Sunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni. 16Osnifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni.
Erifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.