Native Bible

Numbers 26:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, Kora mmammarima deɛ, wɔanwuwu da no.

Numbers 26:11 in English

Numbers 26:11 · Berean Standard Bible

However, the line of Korah did not die out.

Context

9na Nemuel na ɔwoo Eliab, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ a wɔne Kora yɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtia. 10Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa. 11Nanso, Kora mmammarima deɛ, wɔanwuwu da no. 12Yeinom ne mmusua a wɔfiri Simeon mmammarima mu: Nemuelfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel. Yaminfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin. Yakinfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin. 13Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah; Saulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.