Native Bible

Numbers 26:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa.

Numbers 26:10 in English

Numbers 26:10 · Berean Standard Bible

And the earth opened its mouth and swallowed them along with Korah, whose followers died when the fire consumed 250 men. They serve as a warning sign.

Context

8Na Palu yɛ Eliab aseni, 9na Nemuel na ɔwoo Eliab, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ a wɔne Kora yɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtia. 10Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa. 11Nanso, Kora mmammarima deɛ, wɔanwuwu da no. 12Yeinom ne mmusua a wɔfiri Simeon mmammarima mu: Nemuelfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel. Yaminfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin. Yakinfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.