Native Bible

Numbers 23:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɛ worennome wɔn a, ɛnneɛ nhyira wɔn.”

Numbers 23:25 in English

Numbers 23:25 · Berean Standard Bible

Now Balak said to Balaam, “Then neither curse them at all nor bless them at all!”

Context

23Nnome biara renka Yakob, abayisɛm biara nni tumi wɔ Israel so. Na wɔbɛka wɔ Yakob ho sɛ, ‘Hwɛ anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israel!’ 24Saa nnipa yi sɔre sɛ gyataburu. Wɔgyina hɔ sɛ gyata hoɔdenfoɔ. Ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛwe nʼahaboa awie na wanom ne mogya nyinaa!” 25Ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɛ worennome wɔn a, ɛnneɛ nhyira wɔn.” 26Nanso Balaam buaa no sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ asɛm a Awurade bɛka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka?” 27Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Mede wo bɛkɔ baabi foforɔ. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wobɛgyina hɔ adome wɔn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.