Native Bible

Numbers 20:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, Edomhene kaa sɛ, “Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede akodɔm bɛhyia mo!”

Numbers 20:18 in English

Numbers 20:18 · Berean Standard Bible

But Edom answered, “You may not travel through our land, or we will come out and confront you with the sword.”

Context

16Nanso, yɛsu frɛɛ Awurade no, ɔtiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfoɔ ma ɔbɛyii yɛn firii Misraim. “Seesei yɛwɔ Kades wɔ mo asase hyeɛ so. 17Yɛsrɛ mo sɛ, momma yɛntwa mu mfa mo ɔman yi mu. Yɛbɛhwɛ yie sɛ yɛremfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsuo. Yɛbɛfa ɔhene kwantempɔn so na yɛremfiri so kɔsi sɛ yɛbɛtra mo hyeɛ a ɛwɔ ɛfa nohoa no.” 18Nanso, Edomhene kaa sɛ, “Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede akodɔm bɛhyia mo!” 19Israelfoɔ no buaa sɛ, “Owura, yɛbɛfa tempɔn no so. Sɛ yɛn ayɛmmoa nom mo nsuo a, yɛbɛtua ka. Yɛpɛ sɛ yɛtwam wɔ mo asase so na yɛnni adwemmɔne bi.” 20Nanso Edomhene buaa sɛ, “Mommfa yɛn asase so!” Ɔboaboaa nʼakodɔm ano de wɔn kɔɔ ɛhyeɛ no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.