4 Mose 18:14
Numbers 18:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Deɛ wɔde bɛma Awurade biara yɛ mo dea.
Numbers 18:14 in English
Numbers 18:14 · Berean Standard Bible
Every devoted thing in Israel belongs to you.
Context
12“Otwa berɛ a ɛdi ɛkan mu akyɛdeɛ a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburoo ne afudeɛ biara no, ne nyinaa yɛ mo dea. 13Sɛ mo abusuafoɔ hwɛ na wɔn ho te a, wɔtumi di yeinom nyinaa bi. 14“Deɛ wɔde bɛma Awurade biara yɛ mo dea. 15Israelfoɔ abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde brɛ Awurade yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo ɛkwan sɛ wɔnwe wɔn nam no deɛ, monnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔtua sika kakra de si abakan biara anan. 16Sɛ abakan no di bosome a, na ɛsɛ sɛ wɔde ɔgye boɔ a ɛyɛ dwetɛ gram aduonum nsia sɛdeɛ kronkronbea hɔ nkariboɔ a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no teɛ no ba.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.