Native Bible

Numbers 18:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Israelfoɔ abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde brɛ Awurade yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo ɛkwan sɛ wɔnwe wɔn nam no deɛ, monnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔtua sika kakra de si abakan biara anan.

Numbers 18:15 in English

Numbers 18:15 · Berean Standard Bible

The firstborn of every womb, whether man or beast, that is offered to the LORD belongs to you. But you must surely redeem every firstborn son and every firstborn male of unclean animals.

Context

13Sɛ mo abusuafoɔ hwɛ na wɔn ho te a, wɔtumi di yeinom nyinaa bi. 14“Deɛ wɔde bɛma Awurade biara yɛ mo dea. 15Israelfoɔ abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde brɛ Awurade yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo ɛkwan sɛ wɔnwe wɔn nam no deɛ, monnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔtua sika kakra de si abakan biara anan. 16Sɛ abakan no di bosome a, na ɛsɛ sɛ wɔde ɔgye boɔ a ɛyɛ dwetɛ gram aduonum nsia sɛdeɛ kronkronbea hɔ nkariboɔ a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no teɛ no ba. 17“Nanso anantwie, nnwan ne mpɔnkye mmakan deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔgye wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Wɔn mogya na ɛsɛ sɛ wɔde pete afɔrebukyia no so na wɔhye wɔn sradeɛ no sɛ ogya afɔdeɛ. Ɛyɛ adeɛ a Awurade ani sɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.