4 Mose 11:5
Numbers 11:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a na yɛwɔ Misraim no, na yɛnya ɛnam ne nsuomnam we. Saa ara nso na na yɛnya kokumba, ɛferɛ, gyeene ne galik nso die.
Numbers 11:5 in English
Numbers 11:5 · Berean Standard Bible
We remember the fish we ate freely in Egypt, along with the cucumbers, melons, leeks, onions, and garlic.
Context
3Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Tabera a asekyerɛ ne “Ahyeɛ”, ɛfiri sɛ, ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn no hyee wɔn atenaeɛ hɔ. 4Misraimfoɔ a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Yei amma Israelfoɔ no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wɔsuu sɛ, “Hwan na ɔbɛma yɛn aduane adi? 5Ɛberɛ a na yɛwɔ Misraim no, na yɛnya ɛnam ne nsuomnam we. Saa ara nso na na yɛnya kokumba, ɛferɛ, gyeene ne galik nso die. 6Nanso, seesei deɛ, yɛn ahoɔden so ate na ɛda biara yɛnnya biribiara sɛ mana nko ara.” 7Na mana no kɛseɛ te sɛ wisa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae firi dubona ho agu fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.