4 Mose 11:3
Numbers 11:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Tabera a asekyerɛ ne “Ahyeɛ”, ɛfiri sɛ, ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn no hyee wɔn atenaeɛ hɔ.
Numbers 11:3 in English
Numbers 11:3 · Berean Standard Bible
So that place was called Taberah,* because the fire of the LORD had burned among them.
Context
1Ankyɛre biara na nnipa no firii aseɛ nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yie mma wɔn, na Awurade teeɛ. Nʼabufuhyeɛ kɔɔ wɔn so wɔ wɔn anwiinwii no ho. Yei enti, Awurade maa ogya bɛhyee beaeɛ a na wɔte hɔ no mfikyire. 2Wɔteateaam frɛɛ Mose sɛ ɔmmɛgye wɔn. Mose bɔɔ mpaeɛ srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumiiɛ. 3Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Tabera a asekyerɛ ne “Ahyeɛ”, ɛfiri sɛ, ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn no hyee wɔn atenaeɛ hɔ. 4Misraimfoɔ a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Yei amma Israelfoɔ no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wɔsuu sɛ, “Hwan na ɔbɛma yɛn aduane adi? 5Ɛberɛ a na yɛwɔ Misraim no, na yɛnya ɛnam ne nsuomnam we. Saa ara nso na na yɛnya kokumba, ɛferɛ, gyeene ne galik nso die.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.