Native Bible

Numbers 10:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnna na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuo anim.

Numbers 10:27 in English

Numbers 10:27 · Berean Standard Bible

and Ahira son of Enan was over the division of the tribe of Naphtali.

Context

25Wɔn a na wɔtwa toɔ koraa no ne abusuakuo a na Dan abusuakuo frankaa di wɔn anim a na wɔn panin ne Amisadai babarima Ahieser no. 26Okran babarima Pagiel na na ɔdi Aser abusuakuo anim. 27Ɛnna na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuo anim. 28Saa nhyehyɛeɛ yi na mmusuakuo yi faa so tuu wɔn kwan no. 29Ɛda bi, Mose ka kyerɛɛ nʼakonta Hobab, Midiani Reuel ba sɛ, “Yei nyinaa akyi no, yɛrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yie; ɛfiri sɛ, Awurade ahyɛ Israelfoɔ bɔ a emu yɛ den!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.