Nahum 3:18
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko. Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome. Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no so a wɔnni anoboaboafoɔ.
Nahum 3:18 in English
Nahum 3:18 · Berean Standard Bible
O king of Assyria, your shepherds slumber; your officers sleep. Your people are scattered on the mountains with no one to gather them.
Context
16Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso,
wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma,
nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwa
na afei wɔtu kɔ. 17Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ.
Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuo
a wɔsensam ban ho awɔ da.
Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ,
na obi nnim faako a wɔkɔ. 18Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko.
Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome.
Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no so
a wɔnni anoboaboafoɔ. 19Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no;
wo pira no mu yɛ den.
Obiara a ɔte wo nka no
bɔ ne nsam wɔ wʼasehweɛ ho,
Na hwan koraa na wommɔɔ
no atirimuɔden da?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.