Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ. Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuo a wɔsensam ban ho awɔ da. Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ, na obi nnim faako a wɔkɔ.

Nahum 3:17 in English

Nahum 3:17 · Berean Standard Bible

Your guards * are like the swarming locust, and your scribes * like clouds of locusts that settle on the walls on a cold day. When the sun rises, they fly away, and no one knows where.

Context

15Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ; akofena bɛtwa wo ahwe fam, na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam. Mo nnɔre sɛ mmɛbɛ anaa ntutummɛ! 16Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso, wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma, nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwa na afei wɔtu kɔ. 17Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ. Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuo a wɔsensam ban ho awɔ da. Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ, na obi nnim faako a wɔkɔ. 18Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko. Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome. Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no so a wɔnni anoboaboafoɔ. 19Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no; wo pira no mu yɛ den. Obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam wɔ wʼasehweɛ ho, Na hwan koraa na wommɔɔ no atirimuɔden da?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.