Nahum 3:14
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sesa nsuo sie ma otua no. Yere wo banbɔ mu! Wɔ dɔteɛ no na siesie ntayaa a wato no!
Nahum 3:14 in English
Nahum 3:14 · Berean Standard Bible
Draw your water for the siege; strengthen your fortresses. Work the clay and tread the mortar; repair the brick kiln!
Context
12Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua
a aso aba foforɔ:
sɛ wɔwoso a
aba no tete gu ma deɛ ɔrepɛ bi adi. 13Hwɛ wʼakofoɔ
wɔn nyinaa yɛ mmaa!
Wʼasase so apono ano deda hɔ ma wʼatamfoɔ;
ogya ahye wʼapono no akyiri adaban. 14Sesa nsuo sie ma otua no.
Yere wo banbɔ mu!
Wɔ dɔteɛ no
na siesie ntayaa a wato no! 15Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ;
akofena bɛtwa wo ahwe fam,
na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam.
Mo nnɔre sɛ mmɛbɛ anaa ntutummɛ! 16Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso,
wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma,
nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwa
na afei wɔtu kɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.