Marko 8:24
Mark 8:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”
Mark 8:24 in English
Mark 8:24 · Berean Standard Bible
The man looked up and said, “I can see the people, but they look like trees walking around.”
Context
22Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ. 23Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ, “Wohunu adeɛ anaa?” 24Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.” 25Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann. 26Yesu ma ɔkɔɔ efie, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsane nkɔ akuraa no ase bio.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.