Native Bible

Mark 8:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ.

Mark 8:22 in English

Mark 8:22 · Berean Standard Bible

When they arrived at Bethsaida, some people brought a blind man and begged Jesus to touch him.

Context

20“Na mesane de burodo nson maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkaeɛ?” Wɔkaa sɛ, “Nkɛntɛmma nson.” 21Ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Monnte ase ara anaa?” 22Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ. 23Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ, “Wohunu adeɛ anaa?” 24Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.