Marko 8:21
Mark 8:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Monnte ase ara anaa?”
Mark 8:21 in English
Mark 8:21 · Berean Standard Bible
Then He asked them, “Do you still not understand?”
Context
19Ɛberɛ a mebubuu burodo enum mu maa nnipa mpemnum no, nnikaeɛ nkɛntɛmma ahe na motaseeɛ?”
Wɔkaa sɛ, “Dumienu.” 20“Na mesane de burodo nson maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkaeɛ?”
Wɔkaa sɛ, “Nkɛntɛmma nson.” 21Ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Monnte ase ara anaa?” 22Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ. 23Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ, “Wohunu adeɛ anaa?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.