Native Bible

Mark 8:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann.

Mark 8:25 in English

Mark 8:25 · Berean Standard Bible

Once again Jesus placed His hands on the man’s eyes, and when he opened them his sight was restored, and he could see everything clearly.

Context

23Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ, “Wohunu adeɛ anaa?” 24Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.” 25Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann. 26Yesu ma ɔkɔɔ efie, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsane nkɔ akuraa no ase bio.” 27Yesu ne nʼasuafoɔ no firi Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.