Marko 8:11
Mark 8:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.”
Mark 8:11 in English
Mark 8:11 · Berean Standard Bible
Then the Pharisees came and began to argue with Jesus, testing Him by demanding from Him a sign from heaven.
Context
9Nnipa a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee aseɛ nnikaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma nson. 10Yei akyi no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu baa Dalmanuta fam. 11Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.” 12Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛn enti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ daa yi? Nsɛnkyerɛnneɛ biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.” 13Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.