Native Bible

Mark 8:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa.

Mark 8:13 in English

Mark 8:13 · Berean Standard Bible

And He left them, got back into the boat, and crossed to the other side.

Context

11Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.” 12Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛn enti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ daa yi? Nsɛnkyerɛnneɛ biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.” 13Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa. 14Asuafoɔ no werɛ firii sɛ wɔfa aduane bi kura ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura wɔ kodoɔ no mu no yɛ burodo baako pɛ. 15Wɔretwa asuo no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Ɔhene Herode ne Farisifoɔ mmɔreka ho.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.