Native Bible

Mark 14:56 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira.

Mark 14:56 in English

Mark 14:56 · Berean Standard Bible

For many bore false witness against Jesus, but their testimony was inconsistent.

Context

54Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu. 55Asɔfoɔ mpanin ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso, wɔannya bi. 56Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira. 57Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ɛnnim too ne so sɛ, 58“Yɛtee sɛ ɔkaa sɛ, ‘Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.