Marko 14:58
Mark 14:58 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Yɛtee sɛ ɔkaa sɛ, ‘Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’ ”
Mark 14:58 in English
Mark 14:58 · Berean Standard Bible
“We heard Him say, ‘I will destroy this man-made temple, and in three days I will build another that is made without hands.’”
Context
56Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira. 57Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ɛnnim too ne so sɛ, 58“Yɛtee sɛ ɔkaa sɛ, ‘Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’ ” 59Na yei mpo, wɔn adanseɛ no anhyia. 60Ɔsɔfopanin no sɔre gyinaa badwa no mfimfini bisaa Yesu sɛ, “Yei nso, wonni ho anoyie biara? Ɛdeɛn na wowɔ ka?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.