Marko 13:31
Mark 13:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.
Mark 13:31 in English
Mark 13:31 · Berean Standard Bible
Heaven and earth will pass away, but My words will never pass away.
Context
29Sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ me ba a mɛsane aba no abɛn. 30Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 31Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da. 32“Nanso ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne mʼankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim. 33Esiane sɛ monnim berɛ ko a asɛm yi bɛsi enti, monsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.