Native Bible

Mark 13:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane sɛ monnim berɛ ko a asɛm yi bɛsi enti, monsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no.

Mark 13:33 in English

Mark 13:33 · Berean Standard Bible

Be on your guard and stay alert!* For you do not know when the appointed time will come.

Context

31Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da. 32“Nanso ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne mʼankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim. 33Esiane sɛ monnim berɛ ko a asɛm yi bɛsi enti, monsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no. 34Me ba no te sɛ ɔbarima bi a ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a nʼapaafoɔ nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfoɔ nso sɛ, ɔnwɛn hɔ yie nkɔsi sɛ ɔbɛba. 35“Enti, mo nso monwɛn, ɛfiri sɛ, monnim berɛ ko a efiewura no bɛba. Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbɛba anwummerɛ, ɔdasuom, ahemadakye anaa awia.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.