Marko 11:12
Mark 11:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adeɛ kyee anɔpa a wɔrefiri Betania hɔ no, ɛkɔm dee no.
Mark 11:12 in English
Mark 11:12 · Berean Standard Bible
The next day, when they had left Bethany, Jesus was hungry.
Context
10“Animuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahennie reba.”
“Hosiana wɔ ɔsorosoro!” 11Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefiri hɔ, ɛfiri sɛ, na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania. 12Adeɛ kyee anɔpa a wɔrefiri Betania hɔ no, ɛkɔm dee no. 13Wɔkɔɔ kakra no, ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so anaa. Nanso, ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Saa ɛberɛ no nso, na ɛnyɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no so. 14Nanso, Yesu domee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Asuafoɔ no tee asɛm a ɔkaeɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.