Micah 4:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Amanaman no nyinaa bɛtumi anante wɔn anyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante Awurade, yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa.
Micah 4:5 in English
Micah 4:5 · Berean Standard Bible
Though each of the peoples may walk in the name of his god, yet we will walk in the name of the LORD our God forever and ever.
Context
3Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm
Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa.
Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ
wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa.
Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena,
na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. 4Obiara bɛtena ne bobe
anaa ne borɔdɔma nnua ase,
na obiara remmɛhunahuna wɔn,
ɛfiri sɛ, Asafo Awurade akasa. 5Amanaman no nyinaa bɛtumi anante
wɔn anyame din mu,
na yɛn deɛ, yɛbɛnante Awurade,
yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa. 6“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“Mɛboaboa mmubuafoɔ, atukɔfoɔ
ɛne wɔn a mede awerɛhoɔ aba wɔn so ano. 7Mɛma mmubuafoɔ ayɛ me nkurɔfoɔ wɔ asase no so,
atukɔfoɔ no bɛyɛ ɔman kɛseɛ.
Awurade bɛdi wɔn so ɔhene wɔ Sion bepɔ so
afiri da no akɔsi daa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.