Micah 4:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa. Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa. Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
Micah 4:3 in English
Micah 4:3 · Berean Standard Bible
Then He will judge between many peoples and arbitrate for strong nations far and wide. Then they will beat their swords into plowshares and their spears into pruning hooks. Nation will no longer take up the sword against nation, nor will they train anymore for war.
Context
1Nna a ɛdi akyire no mu no,
Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim
sɛ mmepɔ no nyinaa ti;
ɛbɛgye din aboro nkokoɔ nyinaa,
na nnipa ahodoɔ bɛbɔ yuu akɔ hɔ. 2Aman bebree bɛba abɛka sɛ,
“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ so,
Yakob Onyankopɔn efie.
Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan,
sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ.”
Na mmara no bɛfiri Sion aba
Awurade asɛm bɛfiri Yerusalem aba. 3Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm
Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa.
Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ
wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa.
Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena,
na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. 4Obiara bɛtena ne bobe
anaa ne borɔdɔma nnua ase,
na obiara remmɛhunahuna wɔn,
ɛfiri sɛ, Asafo Awurade akasa. 5Amanaman no nyinaa bɛtumi anante
wɔn anyame din mu,
na yɛn deɛ, yɛbɛnante Awurade,
yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.