Micah 3:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔne moworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛ na motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho;
Micah 3:2 in English
Micah 3:2 · Berean Standard Bible
You hate good and love evil. You tear the skin from my people and strip the flesh from their bones.
Context
1Afei mekaa sɛ,
“Montie, mo Yakob ntuanofoɔ,
mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie.
Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ atɛntenenee, 2Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔne
moworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛ
na motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho; 3mowe me nkurɔfoɔ nam,
mowae wɔn wedeɛ,
bubu wɔn nnompe mu nketenkete;
motwitwa wɔn sɛ ɛnam a
mode regu kwansɛn mu.” 4Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade,
nanso ɔrennye wɔn so.
Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn,
bɔne a wɔayɛ enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.