Micah 3:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade, nanso ɔrennye wɔn so. Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn, bɔne a wɔayɛ enti.
Micah 3:4 in English
Micah 3:4 · Berean Standard Bible
Then they will cry out to the LORD, but He will not answer them. At that time He will hide His face from them because of the evil they have done.
Context
2Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔne
moworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛ
na motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho; 3mowe me nkurɔfoɔ nam,
mowae wɔn wedeɛ,
bubu wɔn nnompe mu nketenkete;
motwitwa wɔn sɛ ɛnam a
mode regu kwansɛn mu.” 4Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade,
nanso ɔrennye wɔn so.
Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn,
bɔne a wɔayɛ enti. 5Deɛ Awurade seɛ nie:
“Adiyifoɔ a
wɔdaadaa me nkurɔfoɔ no deɛ,
obi ma wɔn biribi di a
wɔpae mu ka asomdwoeɛ nsɛm,
na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a,
adiyifoɔ no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛtu wɔn so sa. 6Enti adeɛ bɛsa mo a morennya anisoadehunu,
esum bɛduru mo a morennya ahintasɛm biara.
Owia bɛtɔ ama adiyifoɔ no,
na adekyeɛ bɛdane esum ama wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.