Native Bible

Matthew 9:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”

Matthew 9:27 in English

Matthew 9:27 · Berean Standard Bible

As Jesus went on from there, two blind men followed Him, crying out, “Have mercy on us, Son of David!”

Context

25Nnipa no nyinaa firii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaawa no da hɔ no. Ɔsɔɔ ne nsa. Prɛko pɛ, ababaawa no nyaneeɛ. 26Saa anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi trɛɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. 27Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!” 28Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ mɛtumi ama moahunu adeɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Aane, Awurade, yɛgye di!” 29Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ, “Mo gyidie nyɛ deɛ mohwehwɛ mma mo!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.