Native Bible

Matthew 9:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ, “Mo gyidie nyɛ deɛ mohwehwɛ mma mo!”

Matthew 9:29 in English

Matthew 9:29 · Berean Standard Bible

Then He touched their eyes and said, “According to your faith will it be done to you.”

Context

27Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!” 28Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ mɛtumi ama moahunu adeɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Aane, Awurade, yɛgye di!” 29Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ, “Mo gyidie nyɛ deɛ mohwehwɛ mma mo!” 30Amonom hɔ ara na wɔn ani buebueeɛ. Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara.” 31Nanso, nnipa no firi hɔ pɛ, wɔbɔɔ asɛm no dawuro.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.