Mateo 9:26
Matthew 9:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi trɛɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.
Matthew 9:26 in English
Matthew 9:26 · Berean Standard Bible
And the news about this spread throughout that region.
Context
24ɔkaa sɛ, “Obiara mfiri adi. Ababaawa no nwuiɛ. Wada!” Yesu asɛm a ɔkaeɛ yi maa nnipa no seree no. 25Nnipa no nyinaa firii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaawa no da hɔ no. Ɔsɔɔ ne nsa. Prɛko pɛ, ababaawa no nyaneeɛ. 26Saa anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi trɛɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. 27Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!” 28Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ mɛtumi ama moahunu adeɛ?”
Wɔbuaa no sɛ, “Aane, Awurade, yɛgye di!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.