Native Bible

Matthew 26:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena ha ntwɛn me, na merekɔ mʼanim kakra akɔbɔ mpaeɛ.”

Matthew 26:36 in English

Matthew 26:36 · Berean Standard Bible

At that time Jesus went with His disciples to a place called Gethsemane, and He told them, “Sit here while I go over there and pray.”

Context

34Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nokorɛm, anadwo yi, akokɔ remmɔn, na woapa me mprɛnsa!” 35Petro pae mu kaa sɛ, “Mpo sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafoɔ no nyinaa nso kaa saa asɛm korɔ yi ara. 36Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena ha ntwɛn me, na merekɔ mʼanim kakra akɔbɔ mpaeɛ.” 37Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu a wɔn edin de Yakobo ne Yohane kaa ne ho. Ne werɛ hyɛɛ aseɛ hoeɛ, na ne ho nso yeraa no. 38Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.