Native Bible

Matthew 26:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nokorɛm, anadwo yi, akokɔ remmɔn, na woapa me mprɛnsa!”

Matthew 26:34 in English

Matthew 26:34 · Berean Standard Bible

“Truly I tell you,” Jesus declared, “this very night, before the rooster crows, you will deny Me three times.”

Context

32Na sɛ mesane ba nkwa mu bio a, mɛkɔ Galilea, na makɔhyia mo wɔ hɔ.” 33Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da.” 34Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nokorɛm, anadwo yi, akokɔ remmɔn, na woapa me mprɛnsa!” 35Petro pae mu kaa sɛ, “Mpo sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafoɔ no nyinaa nso kaa saa asɛm korɔ yi ara. 36Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena ha ntwɛn me, na merekɔ mʼanim kakra akɔbɔ mpaeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.