Mateo 21:18
Matthew 21:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adeɛ kyee anɔpa a ɔresane akɔ Yerusalem no, ɛkɔm dee no.
Matthew 21:18 in English
Matthew 21:18 · Berean Standard Bible
In the morning, as Jesus was returning to the city, He was hungry.
Context
16Enti, wɔbisaa Yesu sɛ, “Wote nsɛm a mmɔfra no reka no anaa?”
Yesu buaa sɛ, “Aane. Na monkenkanee saa Atwerɛsɛm a ɛka sɛ,
“ ‘Mmɔfra ne nkɔkoaa mpo
de wɔn ano kamfo wo’ no da anaa?” 17Afei, ɔfirii hɔ sane kɔɔ Betania kɔdaa hɔ. 18Adeɛ kyee anɔpa a ɔresane akɔ Yerusalem no, ɛkɔm dee no. 19Ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɛkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wuiɛ. 20Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafoɔ no nwanwa ma wɔbisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ ɛdeɛn enti na borɔdɔma dua no so nhahan poroo ntɛm saa?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.