Mateo 21:17
Matthew 21:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔfirii hɔ sane kɔɔ Betania kɔdaa hɔ.
Matthew 21:17 in English
Matthew 21:17 · Berean Standard Bible
Then He left them and went out of the city to Bethany, where He spent the night.
Context
15Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi hunuu anwanwadeɛ yi na wɔtee nso sɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ asɔrefie hɔ reteateam sɛ, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ. 16Enti, wɔbisaa Yesu sɛ, “Wote nsɛm a mmɔfra no reka no anaa?”
Yesu buaa sɛ, “Aane. Na monkenkanee saa Atwerɛsɛm a ɛka sɛ,
“ ‘Mmɔfra ne nkɔkoaa mpo
de wɔn ano kamfo wo’ no da anaa?” 17Afei, ɔfirii hɔ sane kɔɔ Betania kɔdaa hɔ. 18Adeɛ kyee anɔpa a ɔresane akɔ Yerusalem no, ɛkɔm dee no. 19Ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɛkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wuiɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.