Malaki 1:7
Malachi 1:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mode aduane a ɛho agu fi bɛgu mʼafɔrebukyia so. “Afei mobisa sɛ ‘Ɛkwan bɛn so na yɛfa guu wo ho fi?’ “Sɛ mokaa sɛ, Awurade ɛpono ho yɛ aniwu enti.
Malachi 1:7 in English
Malachi 1:7 · Berean Standard Bible
By presenting defiled food on My altar. But you ask, ‘How have we defiled You *?’ By saying that the table of the LORD is contemptible.
Context
5Mode mo ankasa ani bɛhunu na moaka sɛ, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahyeɛ nyinaa so!’ 6“Ɔbabarima de obuo ma nʼagya, na ɔsomfoɔ de anidie ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, anidie a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obuo a ɛfata me no wɔ he?” Yei na Asafo Awurade bisa.
Mo asɔfoɔ, mo na mosɛe me din.
“Na mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na yɛ nam so sɛee wo din?’ 7“Mode aduane a ɛho agu fi bɛgu mʼafɔrebukyia so.
“Afei mobisa sɛ ‘Ɛkwan bɛn so na yɛfa guu wo ho fi?’
“Sɛ mokaa sɛ, Awurade ɛpono ho yɛ aniwu enti. 8Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Ɛyɛ a, momfa akyɛdeɛ a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu anaa?” Deɛ Asafo Awurade seɛ nie. 9“Afei mo nsrɛ Onyankopɔn, na ɔnhunu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔdeɛ sei firi mo nkyɛn a, ɔbɛgye mo ato mu anaa?” Asafo Awurade na ɔrebisa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.