Malaki 1:5
Malachi 1:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mode mo ankasa ani bɛhunu na moaka sɛ, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahyeɛ nyinaa so!’
Malachi 1:5 in English
Malachi 1:5 · Berean Standard Bible
You will see this with your own eyes, and you yourselves will say, ‘The LORD is great—even beyond the borders of Israel.’”
Context
3na matane Esau, mayɛ nʼasase mmepɔ mmepɔ no bonini, na nʼagyapadeɛ nso madane no anweatam a nnompo te soɔ.” 4Ebia Edom bɛka sɛ, “Ɛwom sɛ wɔadwera yɛn deɛ, nanso yɛbɛsane asi mmubuiɛ no bio.”
Nanso, yei ne deɛ Asafo Awurade nso seɛ: “Wɔbɛsi nanso mɛbubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn, Amumuyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuo bɛtena wɔn so daa. 5Mode mo ankasa ani bɛhunu na moaka sɛ, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahyeɛ nyinaa so!’ 6“Ɔbabarima de obuo ma nʼagya, na ɔsomfoɔ de anidie ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, anidie a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obuo a ɛfata me no wɔ he?” Yei na Asafo Awurade bisa.
Mo asɔfoɔ, mo na mosɛe me din.
“Na mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na yɛ nam so sɛee wo din?’ 7“Mode aduane a ɛho agu fi bɛgu mʼafɔrebukyia so.
“Afei mobisa sɛ ‘Ɛkwan bɛn so na yɛfa guu wo ho fi?’
“Sɛ mokaa sɛ, Awurade ɛpono ho yɛ aniwu enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.