Malaki 1:3
Malachi 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na matane Esau, mayɛ nʼasase mmepɔ mmepɔ no bonini, na nʼagyapadeɛ nso madane no anweatam a nnompo te soɔ.”
Malachi 1:3 in English
Malachi 1:3 · Berean Standard Bible
but Esau I have hated,* and I have made his mountains a wasteland and left his inheritance to the desert jackals.*”
Context
1Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifoɔ Malaki so de maa Israel. 2“Madɔ mo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Nanso, mobisa sɛ, ‘Wodɔɔ yɛn ɛkwan bɛn so?’ ”
Na Awurade bua sɛ, “Esau nyɛ Yakob nua anaa? Nanso madɔ Yakob, 3na matane Esau, mayɛ nʼasase mmepɔ mmepɔ no bonini, na nʼagyapadeɛ nso madane no anweatam a nnompo te soɔ.” 4Ebia Edom bɛka sɛ, “Ɛwom sɛ wɔadwera yɛn deɛ, nanso yɛbɛsane asi mmubuiɛ no bio.”
Nanso, yei ne deɛ Asafo Awurade nso seɛ: “Wɔbɛsi nanso mɛbubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn, Amumuyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuo bɛtena wɔn so daa. 5Mode mo ankasa ani bɛhunu na moaka sɛ, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahyeɛ nyinaa so!’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.