Native Bible

Malachi 1:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Madɔ mo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Nanso, mobisa sɛ, ‘Wodɔɔ yɛn ɛkwan bɛn so?’ ” Na Awurade bua sɛ, “Esau nyɛ Yakob nua anaa? Nanso madɔ Yakob,

Malachi 1:2 in English

Malachi 1:2 · Berean Standard Bible

“I have loved you,” says the LORD. But you ask, “How have You loved us?” “Was not Esau Jacob’s brother?” declares the LORD. “Yet Jacob I have loved,

Context

1Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifoɔ Malaki so de maa Israel. 2“Madɔ mo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Nanso, mobisa sɛ, ‘Wodɔɔ yɛn ɛkwan bɛn so?’ ” Na Awurade bua sɛ, “Esau nyɛ Yakob nua anaa? Nanso madɔ Yakob, 3na matane Esau, mayɛ nʼasase mmepɔ mmepɔ no bonini, na nʼagyapadeɛ nso madane no anweatam a nnompo te soɔ.” 4Ebia Edom bɛka sɛ, “Ɛwom sɛ wɔadwera yɛn deɛ, nanso yɛbɛsane asi mmubuiɛ no bio.” Nanso, yei ne deɛ Asafo Awurade nso seɛ: “Wɔbɛsi nanso mɛbubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn, Amumuyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuo bɛtena wɔn so daa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.