Luke 3:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na nnipa nyinaa bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’ ”
Luke 3:6 in English
Luke 3:6 · Berean Standard Bible
And all humanity will see God’s salvation.’”*
Context
4Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ,
“Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ,
‘Monsiesie ɛkwan* mma Awurade;
momma nʼatempɔn ntene. 5Bɔnhwa biara bɛyɛ ma.
Bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam;
asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa,
na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata. 6Na nnipa nyinaa bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’ ” 7Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuhyeɛ a ɛreba no ho? 8Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.