Luke 3:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ, “Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan* mma Awurade; momma nʼatempɔn ntene.
Luke 3:4 in English
Luke 3:4 · Berean Standard Bible
as it is written in the book of the words of Isaiah the prophet: “A voice of one calling in the wilderness, ‘Prepare the way for the Lord, make straight paths for Him.
Context
2Saa ɛberɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin. 3Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa sɛ, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfiri wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 4Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ,
“Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ,
‘Monsiesie ɛkwan* mma Awurade;
momma nʼatempɔn ntene. 5Bɔnhwa biara bɛyɛ ma.
Bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam;
asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa,
na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata. 6Na nnipa nyinaa bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.